Ase Hɔ Asɛm
b Tete Helafo a wɔsuaa nsoromma ho ade no na wɔdii kan huu sɛnea wɔsusu ahinasa kɛse ne ne tɛtrɛtɛ. Saa nimdeɛ yi boaa Nkramosom mu abenfo ma wɔhuu baabi a Mecca wɔ. Sɛ Nkramofo rebɔ mpae a, wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ani kyerɛ Mecca. Bio nso, ɛyɛ wɔn amammerɛ sɛ, sɛ wɔresie amu a, wɔde ani bɛkyerɛ Mecca. Sɛ wɔrekum aboa nso a, wɔde wɔn ani kyerɛ hɔ.