Ase Hɔ Asɛm
b Bere a nsoromma ason a ɛwɔ Yesu nifa mu no yɛ Kristofo asafo no so ahwɛfo a wɔasra wɔn no ho mfonini no, mpanyimfo a wɔwɔ asafo ahorow bɛyɛ 100,000 mu wɔ wiase no mu dodow no ara yɛ nnipakuw kɛse no mufo. (Adiyisɛm 1:16; 7:9) Wɔn gyinabea ne dɛn? Esiane sɛ wɔnam honhom kronkron so na ɛpaw wɔn denam akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw a wɔasra no so nti, wobetumi aka sɛ eyinom wɔ Kristo tumi nsa nifa no mu efisɛ wɔn nso wɔyɛ n’ahwɛfo nkumaa. (Yesaia 61:5, 6; Asomafo no Nnwuma 20:28) Wɔboa “nsoromma ason” no esiane sɛ wɔsom wɔ baabi a anuanom mmarima a wɔasra wɔn na wɔfata nni hɔ nti.