Ase Hɔ Asɛm
b “Ebun” (Hela aʹbys·sos; Hebri, tehohmʹ) ka sɛnkyerɛnne kwan so beae bi a ahokeka biara nni hɔ ho asɛm. (Hwɛ Adiyisɛm 9:2.) Nanso, ne paara mu no ebetumi akyerɛ ɛpo tɛtrɛɛ no nso. Wɔtaa kyerɛ Hebri asɛmfua no ase sɛ “ebun a nsu wom.” (Dwom 71:20; 106:9; Yona 2:5) Enti, wobetumi aka sɛ “aboa a ofi ebun no mu” no ne “aboa bi a . . . ofi po mu sɔre” no yɛ ade koro.—Adiyisɛm 11:7; 13:1.