Ase Hɔ Asɛm
a Sɛ́ nhwɛso no, Yorubafo a wɔwɔ Nigeria no wɔ gyidi bi sɛ obi wu a wɔsan wo no bio. Enti sɛ ɔbaatan bi ba wu a, wodi awerɛhow kɛse, na mmom ɛyɛ bere tiaa bi, efisɛ sɛnea Yoruba dwom bi nnyeso ka no: “Ɛyɛ nsu no na ahwie agu. Koraa no de ɛmmɔe.” Sɛnea Yorubafo ka no, eyi kyerɛ sɛ ɛna no, a ɔne koraa a nsu gu mu no, betumi awo ba foforo—ebia nea wawu no na wɔbɛsan awo no. Yehowa Adansefo nni amammerɛ a egyina gyidihunu a wonya fii atosɛm a ɛfa ɔkra a enwu da ne nnipa a wɔsan wo wɔn bio ho so, a enni Bible nnyinaso biara, no akyi.—Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Hesekiel 18:4, 20.