Ase Hɔ Asɛm
a Saa dinkyerɛw yi maa Roma Ahemman no tumi gyigyee tow yiye. Enti, Augusto boae ma sodifo bi a ‘ɔbɛma towgyefo pempensifo bi abɛfa ahemman no mu’ ho nkɔmhyɛ bi nyaa mmamu a na onnim. Nkɔmhyɛ koro no ara ka siei sɛ ‘wobebu’ “apam birɛmpɔn,” anaa Mesia, no wɔ nea obedi sodifo yi ade no bere so. Wokum Yesu wɔ nea obedii Augusto ade, Tiberio, ahenni mu.—Daniel 11:20-22.