Ase Hɔ Asɛm
a Akyinnyegyefo bi bɔ mmɔden sɛ wɔbɛbrɛ atosɛm a wose ɛka no ase denam ka a wɔka sɛ ɔkyerɛwfo no faa Daniel din na ɔde kyerɛwee te sɛ nea nkurɔfo de din a ɛnyɛ wɔn ankasa de kyerɛw tete nhoma ahorow bi a enni Bible mu no. Nanso, Bible ɔkasatiafo bi, Ferdinand Hitzig kae sɛ: “Yentumi nka sɛ obi [nhoma kyerɛwfo] foforo na ɔkyerɛw Daniel nhoma no. Ne saa nti, nea yɛbɛka ne sɛ ɛyɛ bɔsrɛmka, na n’adwene ne sɛ ɔbɛdaadaa wɔn a wobedi kan akenkan no, ɛwom sɛ wɔn yiyedi nti na ɔyɛɛ saa de.”