Ase Hɔ Asɛm
b Bere a Babilon hwee ase no, na Nabonido nni hɔ. Enti, wɔkaa Belsasar ho asɛm sɛ ɔne ɔhene saa bere no ma ɛfatae. Nea akyinnyegyefo tumi ka ara ne sɛ wiase no kyerɛwtohɔ mfa abodin ɔhene mfrɛ Belsasar. Nanso, tete adanse kyerɛ sɛ saa bere no na wobetumi afrɛ amrado mpo sɛ ɔhene.