Ase Hɔ Asɛm
a “Akyinnye biara nni ho sɛ, bere a Satan hui sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba, na ɔne obi a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm sɛ ɔbɛbɔ ne ti no (Ge 3:15), ɔyɛɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛsɛe Yesu. Nanso, bere a ɔbɔfo Gabriel rebɔ Yesu a Maria benyinsɛn no ho amanneɛ no, ɔka kyerɛɛ Maria sɛ: ‘Honhom Kronkron bɛba wo so, na nea ɔwɔ sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so; enti na ade kronkron a wobɛwo no, wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn ba.’ (Lu 1:35) Yehowa bɔɔ ne Ba no ho ban. Mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛsɛe Yesu bere a na ɔyɛ akokoaa no anyɛ yiye.”—Insight on the Scriptures, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no Po 2, kratafa 868.