Ase Hɔ Asɛm
c Wɔde Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘haw’ no nso dii dwuma de kyerɛɛ kwata. (2 Ahene 15:5) Sɛnea nhomanimfo bi kyerɛ no, Yudafo binom nyaa adwene a ɛne sɛ Mesia no bɛyɛ ɔkwatani no fii Yesaia 53:4. Babilonfo Talmud de nkyekyem yi di dwuma fa Mesia no ho, frɛ no “nhomanimfo kwatani no.” Bere a Katolek Douay Version, de Latin Vulgate no redi dwuma no, ɛkyerɛ saa nkyekyem yi ase sɛ: “Yɛabu no sɛ ɔkwatani.”