Ase Hɔ Asɛm
a Obi te sɛ Dawid sei, na ɔyɛ oguanhwɛfo. Enti nimdeɛ a onyaa wɔ nguanhwɛ adwuma mu no, ɔde yɛɛ mfatoho bebree wɔ nhoma a ɔkyerɛwee no mu. (Dwom 23) Mateo nso, na ogyigye tow. Enti, na ɔtaa bu nkontaa, na sɛ ɔreka sika ho asɛm nso a, na ɔtaa kyerɛ ne dodow. (Mateo 17:27; 26:15; 27:3) Luka nso, na ɔyɛ dɔkta. Enti sɛ ɔreka yare ho asɛm a, na ɔkyerɛ mu kɔ akyiri.—Luka 4:38; 14:2; 16:20.