Ase Hɔ Asɛm
d Babilon sɛe no yɛ Bible nkɔmhyɛ a abam no ho nhwɛso biako pɛ. Nhwɛso foforo bi ne Tiro ne Niniwe sɛe no. (Hesekiel 26:1-5; Sefania 2:13-15) Afei nso, Daniel nkɔmhyɛ no kaa wiase ahemman a na ebedi Babilon akyi aba no ho asɛm. Ebi ne Media ne Persia ne Hela. (Daniel 8:5-7, 20-22) Sɛ wopɛ Mesia no ho nkɔmhyɛ pii a enyaa mmamu wɔ Yesu Kristo so ho nkyerɛkyerɛmu a, hwɛ Nkekaho a ɛwɔ kratafa 199-201 no.