Ase Hɔ Asɛm
c Kyerɛwnsɛm no mu no, “afide” betumi akyerɛ bɔne ahorow pii. Ɛwom sɛ ɛnyɛ afide nyinaa na wɔpaw asɛnni boayikuw ma wodi deɛ, nanso sɛ obi sen ne kɔn de ne ho hyɛ afideyɛ a ɛkɔ akyiri mu na wankyerɛ ahonu biara a, wobetumi atu no afi asafo no mu.—2 Korintofo 12:21; Efesofo 4:19; hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” wɔ Ɔwɛn-Aban a ɛbaa July 15, 2006 no mu.