Ase Hɔ Asɛm
a Ebetumi aba nso sɛ Kristoni bi bɛyɛ bɔne a anibere wom atia ne yɔnko. Ebi ne mmonnaato, tow a wɔtow hyɛ obi so, awudi, anaa korɔnbɔ a anibere wom. Nsɛm a ɛtete saa mu no, ɛrento mmara sɛ onua no de asɛm no bɛkɔ akɔdan atumfoɔ, ɛwom mpo sɛ ebia saa a ɔbɛyɛ no bɛma wɔadi ɔbɔnefo no asɛm wɔ asɛnnibea deɛ.