Ase Hɔ Asɛm
a Sɛnea Naomi kae no, ɛnyɛ ateasefo nkutoo na Yehowa da ayamye adi kyerɛ wɔn; ɔma ɛsõ awufo nyinaa so bi. Ná Naomi ahwere ne kunu ne ne mmabarima baanu. Ná Rut nso ahwere ne kunu. Wutumi hu sɛ na mmarima baasa no wu no ama mmea baanu no ahwere ade paa. Enti sɛ obi da ayamye adi kyerɛ Naomi ne Rut a, na ɛte sɛ nea ɔreda no adi akyerɛ saa mmarima no, efisɛ sɛ wɔte ase a, anka wɔbɛhwɛ mmea no.