Ase Hɔ Asɛm
a Ɛbɛyɛ sɛ honhom abɔde a wɔde “Yehowa asɛm” a ɛwɔ 1 Ahene 19:9 no somaa no no ara na saa ‘ɛnne a ɛwɔ fam a ɛkasae bɔkɔɔ’ no fi no. Wɔka honhom abɔde yi ho asɛm tiawa wɔ 1 Ahene 19:15 sɛ, ɛyɛ “Yehowa.” Ebia yɛbɛkae ɔbɔfo a Yehowa ma odii Israelfo no anim wɔ sare no so ne nea Onyankopɔn kaa no ho asɛm sɛ: “Me din da no so” no. (Ex. 23:21) Nokwarem no, yɛrentumi nsi no pi nka sɛ ɔbɔfo yi yɛ Yesu, nanso ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ ansa na Yesu reba asase so no na ɔno ne “Asɛm no,” Ɔkasamafo titiriw ma Yehowa asomfo no.—Yoh. 1:1.