Ase Hɔ Asɛm
d Haman hyɛɛ bɔ sɛ obetua dwetɛ dwetikɛse 10,000 a sɛ yɛde ba dɔla mu nnɛ a, ɛbɛyɛ dɔla ɔpepem pii. Sɛ Ahasweros ara ne Xerxes I a, ɛnde na n’ani begye sika a Haman de hyɛɛ no bɔ no ho kɛse. Ná Xerxes hia sika a ɔde bɛkɔ ɔko a na ofi bere tenten abɔ ne tirim sɛ ɔne Helafo bɛko a awiei koraa okodii nkogu pasaa no.