Ase Hɔ Asɛm
e Ná wonim Xerxes I sɛ obi a ne bo fuw ntɛmntɛm na otumi sesa n’adwene bere biara. Hela abakɔsɛm kyerɛwfo Herodotus kyerɛw nneɛma bi a Xerxes yɛe wɔ ɔko a ɔne Helafo kɔkoe no ho asɛm. Ɔhene no hyɛe sɛ wɔnkeka po so ahyɛn nsisi anim mfa nyɛ ɛtwene na wɔmfa so ntwa Hellespont nsu no. Bere a ahum bi bɔe ma ɛsɛee ɛtwene no, Xerxes hyɛe sɛ wontwitwa wɔn a wɔyɛɛ twene no ti, na mpo ɔmaa ne nkurɔfo no kenkan nsɛm yayaayaw guu Hellespont nsu no so, na wotwaa nsu no mmaa de “twee n’aso.” Wɔ saa ɔko no ara mu no, bere a ɔdefo bi srɛe sɛ mma wɔmfa ne ba nka asraafo no ho no, Xerxes ma wotwaa ɔdefo no ba no mu abien, na wɔde amu no too baabi a obiara behu ma ayɛ kɔkɔbɔ ama afoforo.