Ase Hɔ Asɛm
b Bere a Lamek woo ɔbabarima no, ɔtoo ne din Noa, a ebia nea ɛkyerɛ ne “Ɔhome” anaa “Awerɛkyekye.” Ɔhyɛɛ nkɔm sɛ Noa bɛbɔ ne bra ma ɛne ne din no ahyia ma adesamma anya ahotɔ wɔ asase a wɔadome no no so. (Gen. 5:28, 29) Lamek wui ansa na nkɔmhyɛ yi reba mu. Ɛbɛyɛ sɛ Noa maame, ne nuabarimanom, ne ne nuabeanom wuwui wɔ Nsuyiri no mu.