Ase Hɔ Asɛm
d Yesu kaa asɛm bi a ɛte saa ara wɔ mfatoho a ɛfa oguadini a otuu kwan kɔhwehwɛɛ ahene a ne bo yɛ den ho no mu. Bere a oguadini no nyaa ahene no bi no, ɔtɔn biribiara a ɔwɔ de kɔtɔe. (Mat. 13:45, 46) Saa mfatoho abien yi nso ma yehu sɛ yebetumi ahu Ahenni no ho nokware no wɔ akwan ahorow abien so. Sɛ yɛbɛka a, ebinom kopue so; afoforo nso hwehwɛ. Nanso, ɛmfa ho ɔkwan biara a yɛbɛfa so ahu nokware no, yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ nea ehia sɛ yɛyɛ biara na ama yɛde Ahenni no adi kan wɔ yɛn asetena mu.