Ase Hɔ Asɛm
a Yɛyɛ dɛn hu sɛ Agya no tetee Ɔba no ma ohuu sɛnea ɔbɛkyerɛkyerɛ? Susuw eyi ho hwɛ: Mfatoho pii a Yesu de dii dwuma wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu no maa nkɔmhyɛ bi a wɔkyerɛwee mfe pii ansa na wɔrewo no no nyaa mmamu. (Dw. 78:2; Mat. 13:34, 35) Ɛda adi sɛ saa nkɔmhyɛ no Kyerɛwfo, Yehowa, na ɔka too hɔ sɛ ne Ba no de mfatoho, anaa abebu na ɛbɛkyerɛkyerɛ.—2 Tim. 3:16, 17.