Ase Hɔ Asɛm
b Nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu kaa asɛm a Satan kae no ho asɛm sɛ: “Sɔhwɛ a edi kan koraa a Satan de nyaa Adam ne Hawa no . . . , na ɛne Yesu de no di nsɛ. Nea Satan de too wɔn anim paa ne sɛ, wɔmpaw sɛ wɔbɛyɛ nea ɔno Satan pɛ anaa wɔbɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ. Enti onii a wɔbɛpaw sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde no, ɔkwan bi so no, ɔno na na wɔresom no. Onyankopɔn nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛsom no, nanso Satan hoahoa ne ho sɛ ɔno ne onyame a ɛsɛ sɛ yɛsom no.”