Ase Hɔ Asɛm
d Bible ma yehu sɛ, yɛn bere yi so no, “Asiria” bi wɔ hɔ a ɔde besi n’ani so sɛ ɔbɛtɔre Onyankopɔn nkurɔfo ase. (Mika 5:5) Enti sɛ yɛka ne nyinaa bom a, Bible aka ato hɔ sɛ, akuw nnan bi bɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. Akuw no ne Gog a ofi Magog, atifi fam hene no, asaase so ahemfo, ne Asiria. Ebetumi aba sɛ, ɔtamfo a ɔbɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so no, ɔno ara na Bible de saa din ahorow yi nyinaa frɛ no no.