Ase Hɔ Asɛm
a Adansefo ɔhaha bebree a wɔabɔ wɔn asu foforo no ne atiefo a wohu wɔn no penee tirimbɔ bi a ɔkasafo no de too wɔn anim wɔ ne kasa no awiei no so na ɔkae sɛ: “Na afei me nnamfo pa a mowɔ atiefo yi mu, mo a wohu mo ne mo a wonhu mo nyinaa, mehyɛ mo mu biara a ɔpɛ nniso a asomdwoe, yiyedi ne anigye bɛbam ama obiara a ɔyɛ osetie no nyansa sɛ, ɔnsɔre na ɔnka sɛ Yiw.”
Washington atesɛm krataa Herald ka faa nea edii nyansahyɛ yi akyi bae no ho sɛ:
“Nnipakuw kɛse a wɔabehyiam wɔ beae a wɔyɛ nhyiam no sɔre gyinaa wɔn anan so te sɛ asorɔkye kɛse. Wɔmomaa wɔn nsa so, na Yehowa Adansefo yi de nteɛm kɛse penee so denneennen. Mfɛnsere a ɛwɔ nhyiambea hɔ no wosowee wɔ ɛnne no nnyigyei no nti, na polisifo kyerɛ sɛ wobetumi ate saa nnyigyei no akosi bɛyɛ ɔkwansin biako.”
Nea esii yi nso bae bere koro no ara mu wɔ London, Belfast, Glasgow, Copenhagen ne asase so aman horow pii mu.—The Golden Age, a wotintim no June 19, 1935, krat. 598; afei nso hwɛ Year Book of Jehovah’s Witnesses for 1936, krat. 62, nky. 3.