Ase Hɔ Asɛm
a Daniel 9:26, 27 kenkan sɛ: “Na adapɛn aduosia abien no akyi no, wobetwa nea wɔasra no no akyene a ɛrenka no hwee; na obirɛmpɔn a ɔbɛba no man no bɛsɛe kurow ne kronkronbea no, na n’awiei bɛyɛ nyirisramso mu. Na akodi bedu awiei, amamfoyɛ akyide a wɔahyɛ no pintinn. Na ɔne bebree bɛyɛ apam a emu yɛ den dapɛn biako: na dapɛn no fã mu, ɔbɛma afɔrebɔ ne ayɛyɛdema agyae, na amamfoyɛ akyide no atifi na ɔsɛe bɛba, na ɛbɛkɔ so akosi sɛ ɔsɛee pasaa a wɔahyɛ no pintinn behwie agu amamfoyɛfo no so.”