Ase Hɔ Asɛm
a Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom nhoma no ka sɛ: “Video kasɛt ahorow mmesii nhoma anaa ano a wɔde di adanse no ananmu ɔkwan biara so. Asafo ti no nhoma ahorow kɔ so di dwuma titiriw wɔ asɛmpa no mu a wɔtrɛw no mu. Yehowa Adansefo afie afie adwuma no da so yɛ wɔn som adwuma no fã a egyina Kyerɛwnsɛm so a ase atim. Nanso, seesei video kasɛt ahorow abɛka eyinom ho sɛ nnwinnade a ɛsom bo a wɔde kanyan gyidi wɔ Yehowa bɔhyɛ ahorow a mfaso wɔ so mu na wɔde kanyan anisɔ wɔ nea wama wɔreyɛ wɔ asase so nnɛ no ho.”