Ase Hɔ Asɛm
b Ná saa ntaapo yi biako yɛ lepton, Yudafo dwetɛ sika a na esua sen biara a na wodi no saa bere no, biako. Ná lepton abien yɛ da koro akatua mu 1/64. Sɛnea Mateo 10:29 kyerɛ no, sɛ obi kura dwetɛ sika a ɛne ɔban (a ɛyɛ lepton awotwe) a, na obetumi atɔ akasanoma a na ɛka nnomaa a ɛyɛ fow koraa a na ahiafo we ho, no abien. Enti na ɔbea kunafo yi yɛ hiani ankasa, efisɛ na sika a okura no yɛ nea ebetumi atɔ akasanoma biako no fã pɛ, na na ɛrensõ aduan biako mpo yɛ.