Ase Hɔ Asɛm
b Mmara foforo a ebetumi ayɛ nea ɛho hia kae sɛ, ɔbarima biara a n’awode asɛe koraa ntumi mma Onyankopɔn asafo mu. (Deuteronomium 23:1) Nanso, Insight on the Scriptures ka sɛ ɛda adi sɛ na “eyi fa wɔn a wɔhyɛ da sɛe wɔn awode wɔ ɔbrasɛe te sɛ mmarima a wɔne mmarima da ho no ho.” Enti, na saa mmara no mfa obi a wɔsa no anaa wosiw n’awo ano ho. Insight ka nso sɛ: “Yehowa kaa awerɛkyekyesɛm bi siei sɛ bere bi bɛba a obegye ayitotofo atom sɛ n’asomfo, na sɛ wɔyɛ osetie a, wobenya din a eye sen mmabanin ne mmabea. Bere a Yesu Kristo yii Mmara no fii hɔ no, na nnipa a wobegye no adi nyinaa, ɛmfa ho wɔn kan gyinabea anaa tebea, betumi abɛyɛ Onyankopɔn honhom mu mma. Woyii honam fam nsonsonoe fii hɔ.—Yes 56:4, 5; Yoh 1:12.”