Ase Hɔ Asɛm
a Sɛnea Emil Schürer nhoma The History of the Jewish People in the Age of Jesus Christ (175 B.C.–A.D. 135) kyerɛ no, ɛwom sɛ ɔkwan a na Sanhedrin Kɛse, anaa Sanhedrin a na emufo yɛ Aduɔson-Biako no fa so di asɛm no nni Mishnah no mu de, nanso wɔakyerɛkyerɛ ɔkwan a na Sanhedrin nketewa a na emufo yɛ 23 no fa so di asɛm no mu kɔ akyiri wɔ mu. Na Mmarasuafo tumi kɔ nsɛm a Sanhedrin nketewa no di a wotumi bu obi kumfɔ ase, baabi a na wɔma wɔkasa ma wɔn a wɔabɔ wɔn sobo no nkutoo, a na wɔmma wɔnkasa ntia wɔn a wɔabɔ wɔn sobo no. Wɔ nsɛm a na wontumi mmu obi kumfɔ mu de, na wotumi yɛ n’abien nyinaa.