Ase Hɔ Asɛm
b Paulo faa sɛnea wɔkyerɛw Habakuk 2:4 wɔ Septuagint no mu a ɛka sɛ, “sɛ obi twe san a, m’ani rennye ne ho” no na ɛkaa asɛm. Saa asɛm yi mpue wɔ Hebri nsaano nkyerɛwee a akyɛ no mu biara mu. Afoforo asusuw sɛ, ɛbɛyɛ sɛ wɔde Septuagint no gyinaa tete Hebri nsaano nkyerɛwee a enni hɔ bio no so. Sɛ yɛbɛka a, Onyankopɔn honhom kronkron na ɛmaa Paulo de kaa ho. Enti Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛwee.