Ase Hɔ Asɛm
a Ná ɛnsɛ sɛ woyiyi nnua no fi nkaa no mu, mpo sɛ wɔde Adaka no si ntamadan no mu a. Ne saa nti, na wontumi mfa nnua no nyɛ biribi foforo biara. Bio nso, ná ɛnsɛ sɛ woso Adaka no mu; sɛ na woyi nnua no fi nkaa no mu a, na ɛsɛ sɛ bere biara a wɔbɛma Adaka kronkron no so no, woso mu de nnua no san hyehyɛ nkaa no mu. Asɛm a ɛwɔ Numeri 4:6 a ɛka sɛ ‘wɔmfa mpoma no nwurawura mu’ no kyerɛ sɛ wɔhyehyɛ nnua no yiye de yɛ ahoboa soa adaka a emu yɛ duru no kɔ nsra foforo mu.