Ase Hɔ Asɛm
c Wɔ tete agyanom bere so no, na abusua ti biara gyina ne yere ne ne mma ananmu wɔ Onyankopɔn anim, na mpo ogyina wɔn ananmu bɔ afɔre ma wɔn. (Genesis 8:20; 46:1; Hiob 1:5) Nanso, bere a wɔhyehyɛɛ Mmara no, Yehowa paw Aaron abusua no mu mmarima sɛ asɔfo a wɔnam wɔn so de afɔrebɔ bɛma. Ɛda adi sɛ na atuatewfo 250 no mpene nsakrae yi so.