Ase Hɔ Asɛm
b Bere a adwene a nkurɔfo kyerɛ gu ahorow no, ebinom kyerɛ sɛ Dagan abosonnan no ne El abosonnan. Roland de Vaux, Franseni nhomanimfo ne ɔbenfo a na ɔwɔ Yerusalem Bible Adesua Sukuu no mu no kyerɛ sɛ Dagan—Dagon a wɔka ne ho asɛm wɔ Atemmufo 16:23 ne 1 Samuel 5:1-5 no—ne El din ankasa. The Encyclopedia of Religion ka sɛ ebetumi aba sɛ “ɔkwan bi so no na Dagan ne [El] wɔ abusuabɔ anaasɛ wɔyɛ biako.” Wɔ Ras Shamra nkyerɛwee no mu no, wɔfrɛ Baal sɛ Dagan babarima, nanso yennim nea “ɔbabarima” no kyerɛ wɔ ha no yiye.