Ase Hɔ Asɛm
b Wɔka dadwen a yɛkaa ho asɛm wɔ ha no ho asɛm sɛ ɛyɛ “ehu a efi ahoyeraw mu a ɛsɛe yɛn asetram anigye nyinaa no.” Nkyerɛase bi ka sɛ “munnwinnwen” anaa “monhaw mo ho.” Nanso nkyerɛase horow a ɛte saa no kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yefi ase dwennwen anaa yɛhaw yɛn ho. Nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ: “Hela adeyɛ asɛm no yɛ ɔhyɛ kabea a ɛwɔ mprempren kabea mu a ɛkyerɛ ahyɛde a wɔde ma sɛ obi begyae biribi a wafi ase reyɛ dedaw.”