Ase Hɔ Asɛm
a La Sagrada Escritura—Texto y comentario por profesores de la Compañía de Jesús (Kyerɛw Kronkron—Nkyerɛwee no ne Nkyerɛkyerɛmu a Company of Jesus, Akyerɛkyerɛfo yɛe) kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “Wɔ Persiafo, Mediafo, ne Kaldeafo mu no Nsoromma mu ahwɛfo no yɛ asɔfokuw a wodi ahonhonsɛm, wɔhwɛ nsoromma mu, na wɔyɛ nnuru.” Nanso, bere a eduu Mfinimfini Mfe no mu no, na wɔayɛ Nsoromma mu ahwɛfo a wɔkɔhwɛɛ abofra Yesu no ahotefo, na wɔtoo wɔn din sɛ Melchior, Gaspar, ne Balthasar. Wɔkyerɛ sɛ wɔde wɔn nnompe asie Cologne a ɛwɔ Germany asɔredan bi mu.