Ase Hɔ Asɛm
c Nhomanimfo bi kyerɛ sɛ ebetumi aba sɛ ka a wɔka sɛ akasanoma hwe fam no mfa ne wu nkutoo ho. Wɔka sɛ ebetumi aba sɛ kasasin a wɔde dii dwuma wɔ mfitiase kasa no mu no fa anomaa a ɔresi fam asosɔ aduan ho. Sɛ saa na asɛm no te de a, ɛnde na ɛbɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ bere a anomaa no awu nkutoo na Yehowa dwen ne ho, na mmom odwen ne ho wɔ ne da biara da adeyɛ mu nso.—Mateo 6:26.