Ase Hɔ Asɛm
c Sɛ onuabarima bi bɛfata sɛ wɔde dwumadi bi hyɛ ne nsa wɔ Kristofo asafo no mu a, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ “tutupɛfo,” a ɛkyerɛ sɛ ɔbobɔ afoforo akuturuku anaasɛ ɔyeyaw wɔn. Enti, September 1, 1990, Ɔwɛn-Aban no kratafa 25 ka sɛ: ‘Sɛ ɔbarima bi yi suban pa adi wɔ mmeae foforo na sɛ ɔyɛ otirimɔdenfo wɔ fie a, ɔmfata.’—1 Timoteo 3:2-5, 12.