Ase Hɔ Asɛm
a Yennim ɔbɔfo a ɔbɛyɛɛ Satan no din ankasa. “Satan” kyerɛ “Ɔsɔretiafo,” na “Ɔbonsam” nso kyerɛ “Otwirifo.” Ɔkwan bi so no, nea Satan yɛe no te sɛ nea Tiro hene bi a ɔtraa ase tete no yɛe no. (Hesekiel 28:12-19) Mfiase no wɔn baanu nyinaa bɔɔ ɔbra pa, nanso akyiri yi wɔn ankasa ahantan ma wɔyɛɛ bɔne.