Ase Hɔ Asɛm
a Yudasom mu mpae a wɔbɔ no nso ka sɛ Onyankopɔn din ho ntew saa ara sɛnea ɛwɔ Yesu mpae a ɔkyerɛe no mu no. Nkurɔfo adwene ntumi nhyia wɔ sɛ ebia na wɔbɔ Yudafo mpae no wɔ Kristo bere so ansa na ɔreba no ho de, nanso ɛnsɛ sɛ sɛnea ɛne Yesu mpae a ɔkyerɛe no di nsɛ no yɛ yɛn nwonwa. Ná Yesu mpae no mu nsɛm nyɛ biribi foforo biara. Ná abisade biara a ɛwom no gyina Kyerɛwnsɛm a na Yudafo nyinaa wɔ bi saa bere no so. Ná Yesu rehyɛ ne mfɛfo Yudafo no nkuran sɛ wɔmmɔ nneɛma a anka ɛsɛ sɛ wɔbɔ ho mpae fi teteete no ho mpae.