Ase Hɔ Asɛm
a Yesu asɛm yi boa yɛn ma yɛteɛ sɛnea Bible nkyerɛase ahorow bi nkyerɛ asɛmfua “mmae” ase yiye no. Nkyerɛase no bi kyerɛ ase “ɔreba,” anaa “sanba,” a ne nyinaa kyerɛ bere tiaa mu adeyɛ bi. Nanso hyɛ no nsow sɛ, Yesu amfa ne mmae no antoto Noa Nsuyiri no, biribi a esii wɔ bere pɔtẽẽ bi mu ho, na mmom ɔde totoo “Noa nna,” bere tenten bi a nsɛm akɛse sisii ho. Sɛnea na ɛte wɔ tete mmere no mu no, saa ara na nneɛma a nnipa yɛ da biara no begye wɔn bere wɔ Kristo mmae no mu ma enti wɔrentie kɔkɔbɔ a wɔde rema no.