Ase Hɔ Asɛm
a Marko 9:44 ne 46 nni Bible nsaano nkyerɛwee a wogye tom paa no mu. Nhomanimfo gye tom sɛ, ɛbɛyɛ sɛ akyiri yi na wɔde saa nkyekyɛm abien yi bɛkaa ho. Ɔbenfo Archibald T. Robertson kyerɛwee sɛ: “Ná saa nkyekyɛm abien no nka nsaano nkyerɛwee a akyɛ sen biara, ne nea wogye tom paa no ho. Atɔe fam aman ne Siriafo (Byzantine) akuw bi na wɔde bɛkaa Bible no ho. Ɛyɛ nkyekyɛm 48no ntimu ara kwa. Enti, [yɛayi] nkyekyɛm 44 ne 46 a ɛnyɛ nokware no afi Bible no mu.”