Ase Hɔ Asɛm
b Yebetumi ahu nhwɛso foforo a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn kyerɛ asɛnka adwuma no kwan wɔ Asomafo Nnwuma 16:6-10. Ɛhɔ no, yehu sɛ “honhom kronkron no baraa” Paulo ne wɔn a na wɔka ne ho no sɛ mma wɔnkɔka asɛm no wɔ Asia ne Bitinia. Mmom no, honhom no kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔka asɛm no wɔ Makedonia, na ahobrɛasefo pii tiee asɛm a wɔkɔkae wɔ hɔ no.