Ase Hɔ Asɛm
a Asɛm yi fa amanne bi a ɛma wɔkankye gu ahaban titiriw bi anaa aduan so ho. Sɛ wowie a, wɔde ma abeawa bi. Wɔkyerɛ sɛ ahaban anaa aduan no kanyan abeawa no ma ɔne ɔbarima kɔda. Ɛsono saa amanne yi ɛnna ɛsono sɛ obi awia ne ho ama abeawa bi aduru ahyɛ no ne no ada. Sɛ obi yɛ abeawa bi saa a, abeawa no ho nni asɛm.