Ase Hɔ Asɛm
a Wɔkyerɛ sɛ bere a Spania influensa bae no, ɛkaa nnipa a na wɔwɔ wiase nyinaa saa bere no ɔha mu nkyem 20 kosi 50. Ɛbɛyɛ sɛ yare no kunkum nnipa a ɛkaa wɔn no mu ɔha mu nkyem 1 kosi 10. Sɛ yɛde toto Ebola yare no ho a, Ebola ntaa nyi ne ho adi de, nanso mmere bi a ɛbae no, ekunkum nnipa a ɛkaa wɔn no mu bɛyɛ ɔha mu nkyem 90.