Ase Hɔ Asɛm
a Edin Yehowa no pue bɛyɛ mpɛn 7,000 wɔ tete Bible nkyerɛwee no mu. Nea saa din no kyerɛ ne “Mɛyɛ me ho nea mepɛ sɛ meyɛ.” (Exodus 3:14) Onyankopɔn betumi ayɛ ne ho nea ɔpɛ biara sɛnea ɛbɛyɛ a n’atirimpɔw bɛba mu. Enti, edin yi si so dua sɛ Onyankopɔn di nokware bere nyinaa na ne bɔhyɛ biara bɛba mu.