Ase Hɔ Asɛm
b Leviticus 19:18 ka sɛ: “Wo yɔnko yɛ biribi tia wo a, ntua no so ka, na nnya wo nkurɔfo mma ho menasepɔw. Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” Ná nyamesom akannifo no ka sɛ “wo nkurɔfo mma” ne “wo yɔnko” no fa Yudafo nkutoo ho. Ná Mose Mmara no hwehwɛ sɛ Israelfo twe wɔn ho fi aman a aka no ho. Nanso, Mmara no amfoa adwene a nyamesom akannifo a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu hyɛɛ ho nkuran no so. Ná wɔka sɛ wɔn a wɔnyɛ Yudafo nyinaa yɛ atamfo, na ɛsɛ sɛ wokyi wɔn sɛ ankorankoro.