Ase Hɔ Asɛm
a Yehu wɔ Ester nhoma no mu sɛ bere a Ester bɛyɛɛ agyanka no, ne papa nua ba Mordekai tew no ne no tenae, ɛnna akyiri yi Persia hene Ahasweros waree no. Ɔhene fotufo Haman bɔɔ pɔw bɔne sɛ ɔbɛtɔre Mordekai manfo Yudafo no ase. Mordekai ne Ester kasae ma ohui sɛ ehia sɛ ɔne ɔhene kɔkasa ma ne manfo.