Ase Hɔ Asɛm
a Na sɛ akokoaa a ɔhyɛ yafunum no ho tɔ kyima anaa mmadwoa a wɔde hyɛɛ ɔbea no awotwaa mu pii yɛ yiye nso ɛ? Sɛ obi hyɛ da sɛe biribi a ɛte saa a, ɛkyerɛ sɛ nyinsɛn paa na watu agu. Sɛ obi fa IVF anaa abɛɛfo kwan so nyinsɛn a, ebetumi ama wanyinsɛn ntafo, ahenasa, anaa nea ɛboro saa. Ɛba saa a, mogya betumi atu ɔbea no anaa ɔbɛwo akokoaa a ne bere nsoe. Ɛba sɛ mmadwoa a wɔde ahyɛ ɔbea no awotwaa mu pii yɛ yiye a, ɛkɔfa asɛm foforo ba. Ebia dɔkotafo betu no fo sɛ ɔmma wɔnsɛe biako anaa abien bi. Nanso sɛ obi hyɛ da tu nyinsɛn gu a, ɛyɛ awudi.—Ex. 21:22, 23; Dw. 139:16.