Ase Hɔ Asɛm
f Nkyekyɛm 16: Daniel 12:3 ka sɛ “mmadwemma [anaa Kristofo a wɔasra wɔn] no bɛhyerɛn sɛnea wim hyerɛn.” Seesei a wɔwɔ asase so yi de, asɛnka adwuma a wɔreyɛ no na ɛma wɔhyerɛn. Nanso Mateo 13:43 ka bere a wɔbɛhyerɛn paa wɔ soro Ahenni mu. Bere bi a atwam no na yegye di sɛ kyerɛw nsɛm abien yi nyinaa kyerɛ ade koro. Na yesusuw sɛ ne nyinaa fa asɛnka adwuma no ho.