Ase Hɔ Asɛm
a Nhwehwɛmufo binom ka sɛ, akyɛde a Yakob de maa Yosef no nti, ebia ne nuanom faa no sɛ wɔn papa pɛ sɛ ɔde Yosef yɛ abakan. Ná wonim sɛ ɔbea a Yakob dɔ no a ahyɛase no, na ɔpɛ sɛ ɔware no no, ne ba panyin ne Yosef. Afei, Yakob abakan Ruben nso, na ɔne ne papa yefam akɔda ama wagu ne papa anim ase. Enti abakan a ɔyɛ no, na ɛho aba asɛm.—Genesis 35:22; 49:3, 4.