Ase Hɔ Asɛm
b Kyerɛwtohɔ no ammɔ Elieser din wɔ ha, nanso ɛbɛyɛ sɛ akoa a wɔkaa ne ho asɛm no yɛ Elieser. Bere bi Abraham yɛɛ n’adwene sɛ sɛ wannya ba a obedi n’ade a, ɔde n’agyapade nyinaa bɛma Elieser. Enti yebetumi asi no pi sɛ ɔno ne Abraham nkoa no mu panyin; ɔyɛ akoa a na Abraham wɔ ne mu ahotoso paa. Sɛ yɛhwɛ akoa a wɔaka ne ho asɛm wɔ kyerɛwtohɔ yi mu a, ɛnyɛ obiara sɛ Elieser.—Genesis 15:2; 24:2-4.